Asakokyerɛ wɔ Gaana nna fam koraa. Ɛno nti na ɛho hia pa ara. Wohwɛ a, obiara nim asiako ahodoɔ a ɛwɔ hɔ. Nanso, Abibiko deɛ, nnipa bebree nnim ho hwee. Ɛno yɛ kwansideɛ a ɛdi mu akotene wɔ adekyerɛ yi mu. Ɛno akyi, nkurɔfoɔ pii nso gye di sɛ asako yɛ asa nko ara. Afei nso, wɔgye di sɛ ɛfiri brazil. Yei nyinaa nti na mehunu sɛ ɛwɔ sɛ asakokyerɛ fapem no yɛ abakɔsɛm nimdeɛ.
Wohwɛ a, yei nti na Abibifahodie ho hia. Ɛne sɛ, sɛ anka nyinaa da fam a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ obi ahyɛ adwuma pɔtee yi aseɛ dada. Akɛsefoɔ ayɛ bi (Nkrumah n.a.) nanso, wɔ saa berɛ yi mu, ɛberɛ a obiara pɛ sɛ ɔdane oburoni wɔ akwannuasa nyinaa so, ɛkyerɛ sɛ afei na yɛrehyɛ adwuma yi aseɛ ne no. Afei na aborɔfoɔ nhyɛsoɔ reyɛ ayere soɔ. Saa berɛ yi na atɔ apenten. Saa berɛ yi na mmaa retwe wɔn tire. Afei na obiara resom buronihunu a wɔfrɛ no “jesus” a, nokorɛ mu, ɛyɛ Hrw (Horus) a aborɔfoɔ asesa ne din afa cesare borgia mfoni abata ho.
Deɛ merekeka yi nyinaa nti na ɛwɔ sɛ yɛhunu sɛ ɔko a yɛreka ho asɛm yi nyinaa nyɛ honamko nko ara. Ɛfa sunsum ho. Ɛfa yɛn kra ho mpo. Ɛno nti na yɛwɔ ha. Mpaninfoɔ bu bɛ bi sɛ “Nkontompo de mfeɛ apem tu kwan a, da korɔ na nokorɛ bɛti no to no.” Ɛnnɛ yɛ da a nokorɛ bɛsi mu. Yɛn na yɛka saa nokorɛ ho bi.
“Twitwa atire, hyehye afie!” – Dessalines
Yɛbɛdi nkonim!
Okunini Ọbádélé Kambon