Nnansa yi, asako no aba fam’ pa ara, nanso, yɛgu so. Ɛberɛ a yɛhunu sɛ dodoɔ na ɛrekɔ nkwaseadan akɔsom buronihunu bi, yɛnim sɛ ɛnni sɛ yɛpa aba ɛfiri sɛ nkurɔfoɔ adwene nyɛ adwuma saa berɛ a yɛwɔ mu yi. Yɛnim sɛ daakye bi nti na yɛrebiri yɛn mogya ani. Nkyirimma bɛhunu sɛ deɛ yɛreyɛ no som boɔ. Wɔnhunu saa nso a, ɛkyerɛ sɛ wɔn ankasa na wɔnsom boɔ biara. Ɔbran twa sa a, yɛma no amo. Ebia saa amo na ɛnyɛ awontoatoasoɔ yi mu, ebia ɛbɛba mu ɔkyena. Na mmom, deɛ ɛteɛ biara, yɛgu so reyɛ deɛ yɛnim pefee sɛ nyansa wɔ mu. Anomaa ntu a, ɔbua da. Agyan a yɛnto nwɔ ne botaeɛ. Yɛgyina hɔ pintinn wɔ teneneesɛm so ne nokorɛdie mu.